سورةُ المزمل
QUR’AAN 73, SUURATUL MUZAMMIL
(ME HYJ ASEJ WC) ONYANKOPͻN DIN MU, AHUMMͻBORͻ HENE, ƆDΕΕFOͻ HENE
1. Wo a wode bomo anaa ntoma akata wo ho,
2. Sͻre anadwo (bͻ mpaeε), na fa (εberε) kakraabi (da gye wa‘home).
3. Fa anadwo no mu fa (bͻ mpaeε), anaasε te (εberε) no so kakra,
4. Anaasε fa (εberε no) bi ka ho; na fa ntooboaseε kenkan Qur‘aan no sεdeε efata ma ԑho nte.
5. Nokorε sε, Yε‘de asεm a, emu yε duro paa bεma wo.
6. Nokorε sε, anadwo berε mpaebͻ (Tahajud) no emu yε du, etu awͻse, na εma asεm no nso kͻ (onipa no mu) anaasε εma no te asεm no ase yie.
8. Na bͻ wo Wura Nyankopͻn abodin, na fa woho ma no kora-kora-kora.
9. Apueε ne Atͻeε Wura ne no, Awurade foforͻ biara nnihͻ ka ne ho, enti fa no yε wo Kyitaafoͻ.
10. Na si aboterε wͻ deε wͻ‘rekeka no ho, na fa kwan pa so twe wo ho fri wͻn ho.
11. Na gyae Mene wͻn a, wͻ‘fa no atorᴐsԑm no, wͻn a wͻ‘anya wͻn ho no; na wodeε to wobo ase ma wͻn kakra.
12. Nokorε sε, Yεn hͻ na dadewεnfoͻ ne Amanehunu gya wͻ,
13. Ɛne aduane a, ehia anaa etwi (onipa mene mu) ne asotwee a εyε ya paa (no nso wͻ).
14. Ɛda no a asaase ne mmepͻ bεwoso nwoso kεseε no, mmepͻ no bεyε sε anwea a yaboa ano na εredwirie.
15. Nokorε sε, Y‘asoma Ɔsomafoͻ aba monkyεn a ͻrebedi moho adanseε, sεdeε Yε‘somaa Ɔsomafoͻ (Mose) kͻͻ Farao hͻ no,
16. Nanso Farao yεε asoͻden tiaa Ɔsomafoͻ (Mose), enti Yε‘sͻͻ no mu nsͻdene.
17. Sε moannye Ɛda a εbεma nkͻdaa afu dwono no anni a, sεn na mobesi abͻ moho ban (wͻ saa Da no a)-
18. Ɔsoro besunsuan asin-asin wͻ mu no? Nyankopͻn bͻhyε deε εyε hͻ.
19. Nokorε sε, woi yε Afutusεm, enti obi a ͻpε no ͻnfa kwan a εkͻ ne Wura Nyankopͻn hͻ no so.
20. Wo Wura Nyankopͻn Nim yie sε, εkame ayε sε, wosͻre de anadwo no mu nkyεmu mmiεnsa mu mmienu bͻ mpaeε. Ɛtͻ dabi nso a, wokyε (anadwo no) mu mmienu; (εtͻ dabi nso a) woyi anadwo no nkyεmu mmiεnsa no mu baako (debͻ mpaeε), wͻn a wͻ‘ka woho no mu bi nso saa ara. Nyankopͻn na Osusu adesaeε ne adekyeε. Onim sε monntumi nnsese, enti Wahu mo mmͻbͻ. Enti monkenkan Qur‘aan no mu deε εyε mmrε (ma mo). Onim yie sε ayarefoͻ wͻ mo mu, ebinom nso tu kwan wͻ asaase no so kͻ hwehwε Nyankopͻn adom, ebinom nso reko wͻ Nyankopͻn kwan so. Enti monkenkan (Qur‘aan no) mu deε εyε mmrε; na monfrε Nyame wͻ nebrε mu, na monyi Zaka, na momͻ Nyankopͻn bosea a εyε bosea pa. Adepa biara a mobεyε ato moanim no, monsa bεka no wͻ Nyankopͻn hͻ; εno na εyε paa na εno nso ne akatua a εsom boͻ. Na monsrε Nyankopͻn hͻ bͻnefakyε; nokorε sε Ɔne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene