سورةُ نوح
QUR’AAN 71, SUURATU NUUH
(ME HYJ ASEJ WC) ONYANKOPCN DIN MU, AHUMMCBORC HENE, ƆDΕΕFOC HENE
1. Nokorε sε Yε‘somaa Noa maa no kͻͻ nenkorͻfoͻ hͻ. (Yε‘ka kyerεε no) sε: ―Bͻ wo nkorͻfoͻ no kͻkͻ ansa na asotwee yaaya no aba wͻn so.
2. (Noa) kaa sε: ‖Menkorͻfoͻ meyε kͻkͻbͻni pefee ma mo-
3. Sε: ―Monsom Nyankopͻn na monsuro no, na monyε sotie ma me.
4. (Sε moyε saa a) Ɔde mobͻne no mu bi bεkyε mo, na W‘ama mo εberε akosi εberε a yahyε ato hͻ no. Nokorε sε Onyankopͻn berε no so a, yenntu nnhyε da, sε anka monim a.
5. (Noa) kaa sε: ‖Me Wura (Nyankopͻn) m‘afrε me nkorͻfoͻ no anadwo ne adekyeε mu,
6. Nanso mefrε no nnyε nkͻsoͻ biara mma wͻn, na mmom dwanee na wͻ‘redwanee.
7. Ԑberε biara a mεfrε wͻn sεdeε Wode wͻn bͻne bεkyε wͻn no, wͻ‘de wͻn nsa teaa sisi wͻn aso, de wͻn ntoma katakata wͻn ho, na wͻ‘tͻ kͻ (bͻne) so, na wͻ‘yε akεsesεm yε ahomasoͻ papaapa.
8. Afei m‘atea mu afrε wͻn pefee mu,
9. M‘asan akasa akyerε wͻn wͻ badwa mu, asan akasa akyerε wͻn wͻ kokoa mu;
10. M‘aka akyerε wͻn sε: ―Monsrε mo Wura Nyankopͻn hͻ bͻnefakyε; nokorε sε, Ɔne Bͻnefakyε Hene.
11. Ɔbεma nsuo atͻ fri soro ama no abu mo so.
12. Na W‘ama mo ahonyadeε (anaa sika) ne mma pii, na W‘ama mo anya mfuo, na W‘ama mo nsubͻnten.
13. Ɛdeεn na εha mo a enti monhwehwε nkͻsoͻ ne kεseyε wͻ Nyankopͻn hͻ?
14. Ampa sε Ɔnam akwan hodoͻ so na abͻ mo?
15. Monhunuu sεdeε Nyankopͻn asi abͻ ͻsoro nson a, εtoatoa soͻ?
16. Ɛna W‘ayε bosome no nhyerεnee wͻ mu, εna W‘ayε awia no nso kanea?
17. Nyankopͻn na W‘ama mo afifi mfifiriε pa wͻ asaase no soͻ.
18. Afei Ɔbεma mo asan akͻ asaase no mu, na W‘ama mo apue pue paa (wͻ Atemmuda).
19. Nyankopͻn na W‘ayε asaase de asε hͻ atrε mu ama mo,
20. Sεdeε mobεnante emu akwan a, εtrε no soͻ.
21. Noa kaa sε: ―Me Wura Nyankopͻn, nokorε sε, wͻ‘ate me so atua, na wͻ‘di obi a n‘agyapadeε ne ne mma mmfa nkͻsopa bi mma no, gyesε berεguo no akyi.
22. Na wͻn abͻ pͻ kεseε bi paa.
23. Wͻ‘ka sε: ―Monhwε na moanyae mo anyame no (som); Monhwε na monnyae ‗Wadda‘ anaa ‗Suwaa-a‘ anaa ‗Yaguusa‘ εne ‗Ya‘uuqa‘ εne ‗Nasra‘ (som da).
24. Nokorε sε, wͻn ayera nnipa pii; na abͻneεfoͻ no deε (Awurade), εmma wͻn nnya nkͻsoͻ biara, na mmom ma wͻ‘nyera anna ma wͻnsopa.
25. Wͻn bͻne nti nsuo faa wͻn na wͻ‘bεsan nso akͻ Amanehunu gyem, na wͻ‘nnya ͻboafoͻ wͻ Nyankopͻn akyi.
26. Noa kaa sε: ―Me Wura Nyankopͻn, ennya boniayεfoͻ no mu biara wͻ asaase no so.
27. Efrisε, sε Wogyae wͻn a, wͻ‘bεyera Wonkoa no; na abͻnefoͻ boniayεfoͻ nko ara na wͻ‘bεwo wͻn.
28. Me Wura Nyankopͻn, fa mene m‘awofoͻ ne obiara a, ͻde gyidie bewura me fie ha, ne agyidiefoͻ mmarima ne agyidiefoͻ mmaa bͻne kyε yεn. Na abͻnefoͻ no deε εmma wͻ‘nnya nkͻsoͻ, na mmom ma wͻ‘nsopa.