سورةُ التحریم
QUR’AAN 66, SUURATU TAH’RIIM
(ME HYJ ASEJ WC) ONYANKOPͻN DIN MU, AHUMMͻBORͻ HENE, ƆDΕΕFOͻ HENE
1. Nkͻmhyεni, adεn na worebra woho wͻ adeε a Nyankopͻn ama wo ho kwan wͻ ho? Wode hwehwε sε wo yerenom bεgye wo atum? Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, na Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.
2. Ampa sε Nyankopͻn ahyehyԑ ama mo fa (ᴐkwan a mobεfa so) adane monsedie. Onyankopͻn ne mo Kyitaafoͻ, Ɔne Onimdefoͻ no, Ɔne Onyansafoͻ no.
3. Ɛberε a Nkͻmhyεni ne neyere mu baako (Hafsa) dii asomsεm nkͻmmͻ bi, na (ͻbaa no) kͻbͻͻ (ͻbaa foforͻ, Aisha) amaneε no, Nyankopͻn bͻͻ no (deε ͻbaa no ayε no) ho amaneε; (Nkͻmhyεni) daa (asεm no) bi adi na ͻbͻ faa ebi nso so. Na εberε a (Nkͻmhyεni) de εhoo amaneε bͻͻ (Hafsa) no, ͻkaa sε: ―Hwan na ͻbͻͻ wo woi ho amaneε?‖ (Nkͻmhyεni) kaa sε: ‖Onimdefoͻ no a Ɔbͻ biribiara ho amaneε no na Ɔbͻͻ me amaneε ―.
4. Sε mo mmienu (Hafsa ne Aisha) sakra moadwen kͻ Nyankopͻn hͻ a, (anka εyε ma mo), na ampa sε moakoma adane kͻ woi so (sε mobetia Nkͻmhyεni apεdeε); na sε motaa moho akyi ko tia no a, εneε nokorε sε Nyankopͻn ne ne Kyitaafoͻ, εne Gabriel ne agyidiefoͻ apapafoͻ no, εna εno akyiri no, Soro abͻfoͻ nso taa akyire.
5. Sε ogyae mo awadeε a, ebia ne Wura Nyankopͻn de εyerε a wͻ‘kyεn mo bεhyε moanan mu ama no (a wͻ‘yε) Muslimifoͻ mmaa, agyidiefoͻ mmaa, sotiefoᴐ mmaa, adwen sakrafoᴐ mmaa, Nyamesomfoͻ mmaa, akyiriwiafoᴐ mmaa, mmaa a wͻn aware pεn, ne mmaa mmabunu.
6. Mo a moagye adie, momͻ mo ne moabusuafoͻ ho ban mfri egya no a nenyentia yε nnipa ne aboͻ a Soro abͻfoͻ ahoͻdenfoͻ a wͻn asεm yε den na wͻ‘hwε soͻ no ho. (Saa Soro abͻfoͻ no) nnyε asoͻden wͻ deε Nyankopͻn ahyε wͻn (sε wͻ‘nyε no ho), na mmom deε (Nyame) hyε wͻn sε wͻ‘nyε no na wͻ‘yε.
7. Mo a moapo nokorԑ, monhwε na moampa kyεw nnε Da yi. Dwuma a na modie no so akatua na yεde atua mo ka.
8. Mo a moagye adie, monsakra moadwen nkͻ Nyankopͻn hͻ wͻ nokorε adwen sakra mu. Ebia na Nyankopͻn apepa mobͻne afri mo so, na Ɔde mo kͻ Aheman a nsubͻnten nenam aseε no mu, wͻ Ɛda no a Nyankopͻn nngu Nkͻmhyεni no ne wͻn a wͻ‘agye adi aka neho no anim aseε no.
Wͻn nhyerεnee bεhyerεn adi wͻn anim ne wͻn nifa so; wͻ‘bεka sε: ―Ye‘ Wura Nyankopͻn, ma yεn nhyerεnee no nyina mma yεn, na fa yεn bͻne kyε yεn. Nokorε sε, Wona wowͻ biribiara so tumi.
9. Nkͻmhyεni, kotia boniayεfoͻ no ne nkͻnkͻnsafoͻ no, na yε den wͻ wͻn so. Wͻn asetena mu ne Amane hunu gyem, na nnkyi bͻne paa ne hͻ.
10. Nyankopͻn reyε mfatoho bi ama (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no fa Noa yere ne Lut yere ho. Na saa mmaa mmienu yi ware nkoa a wͻ‘yε Yε‘nkoa apapafoͻ mmienu. Nanso (mmaa mmienu yi) dii wͻn kununom hwammͻ, enti wͻn mmienu ho amma mfasoͻ wͻ hwee ho amma wͻn antia Nyankopͻn, na yεkaa sε: ―Mo mmienu monkͻka wͻn a wͻ‘rekͻ egya no mu no ho na mone wͻn nkͻ mu.‖
11. Nyankopͻn resan ayε mfatoho bi ama wͻn a wͻ‘agye adie no, fa Farao yere (Aasiya) ho, εberε a ͻkaa sε: ―Me Wura Nyankopͻn, si fie wͻ Wohͻ wͻ Aheman no mu mame, na gye me fri Farao neyεε no mu, na gye me fri nnipa bͻnefoͻ no nsam.
12. Ɛna Imran babaa Mar‘yam a ͻhwεε ne ho so yie no, Yε‘homee Y‘εhonhom guu ne mu, na ͻgyee ne Wura Nyankopͻn nsεm no ne Ne Nwoma no dii, na ͻka ahobraseεfoͻ mmaa no ho.