سورةُ التغابن
QUR’AAN 64, SUURATU TAGAABUN
(ME HYJ ASEJ WC) ONYANKOPͻN DIN MU, AHUMMͻBORͻ HENE, ƆDΕΕFOͻ HENE
1. Deε εwͻ soro ne deε a εwͻ asaase so nyinaa bͻ Nyankopͻn abodin. Ɔno na Ahennie no wͻ no, na Ɔno na aseda ne nkamfoͻ wͻ no; Ɔno na ͻwͻ biribiara so tumi.
2. Ɔno na Ɔbͻͻ mo, εna momu bi yε agyidiefoͻ, εna mo mu bi nso yε (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ.
Onyankopͻn deε Ohu deε moyε nyinaa.
3. Nokorε na Ɔde bͻͻ soro ne asaase; εna Ɔnwenee mo, na Ɔnwenee mo yie. Ne hͻ ne monkyi.
4. Onim deε εwͻ soro ne asaase so (nyinaa), εna Onim deε mode suma ne deε moda no adie.
Nyankopͻn na Onim deε εwͻ akoma mu (nyinaa).
5. Wͻn a wͻ'dii kan no a wͻ‘faa nokorԑ no atorᴐsԑm no ho asεm no mmaa mo hͻ? Wͻ‘kaa wͻn dwumadie so aba hwεe, na wͻn wͻ asotwee a εyεya paa.
6. Deε ԑnam so maa no baa saa ne sԑ, wͻn Asomafoͻ no de nyinasoͻ ne nkyerεkyerεmu pefee no brεε wͻn, nanso asεm a wͻ‘kaeε ne sε: ―Nnipa na wͻ‘rebεkyerε yεn kwan?‖ Enti wͻ‘poe, na wͻ‘danee wͻn ho (fri nokorε no ho), Onyankopͻn deε Onhia (wͻn). Nyankopͻn ne Ͻdefoᴐ, Ɔne Ayeyie Hene no.
7. Wͻn a wͻ‘po nokorԑ no adwen yε wͻn sε yennyane wͻn (wͻ wͻn wuo no akyi). Ka sε: Aane, mede Me Wura Nyankopͻn di nse sε, nokorε sε yεbenyane mo, na afei yabͻ mo dwuma a modiiε no ho amaneε. Ԑno yε adeε a εyε mmrε koraa ma Nyankopͻn.
8. Enti monye Nyankopͻn ne Nesomafoͻ no, ne Nhyerεnee a Y‘asianee aba no ni. Onyankopͻn ne dwuma a modie no nyinaa ho amane bͻ Wura.
9. Ɛda a Ɔbεboa moano ama Nhyiamu Da no, saa Da no ne Adehwerε ne mfasoͻ da no. Obi a ͻbεgye Nyankopͻn adie na ͻbedi dwuma pa no, yεbεpepa ne bͻne afri ne so, na yεde no akͻ Aheman a nsubͻnten nenam aseε no mu, wͻ‘bεtena mu afe bͻͻ. Woi ne nkonimdie kεseε no.
10. Wͻn a wͻ‘nnye nnie na wͻ‘fa Yε‘nsεm no atorͻsεm no nso, saa nkorͻfoͻ no ne egya no mu foͻ no, emu na wͻ‘bεtena; nnkyi bͻne paa ne hͻ.
11. Mmusuo biara a εbesie no na Nyankopͻn ama ho kwan. Obiara a ͻbεgye Nyankopͻn adie no Ɔtene n‘akoma. Onyankopͻn ne biribiara ho Nimdefoͻ.
12. Monyε sotie ma Nyankopͻn, na monyε sotie nso ma Ɔsomafoͻ no; na mmom sε modane moho (fri nokorε no ho a), Y‘asomafoͻ no asεdeε ara ne sε wͻ‘bεbͻ asεm no ho dawuro akyerεkyerε mu.
13. Nyankopͻn, awurade foforͻ biara nni hͻ gyesε Ɔno. Onyankopͻn na agyidiefoͻ no mfa wͻn ho nto Nesoͻ.
14. Mo a moagye adie, nokorε sε moyerenom ne mommanom no mu bi yε moatamfoͻ, enti monyε wͻn ho ahwεyie. Sε mode mfomsoͻ fri, na moyi moani fri so, na mode bͻne kyε a, nokorε sε Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.
15. Mo agyapadeε ne momma yε nsͻhwε ma mo, na Nyankopͻn hͻ na akatua kεseε paa wͻ.
16. Enti monsuro Nyankopͻn sεdeε mobetumi, na montie, na moni so, na monyε tema, na εbεyε ama mo kraa. Obia yεbεgye no afri ne kraa adefodepε mu no, saa nkorͻfoͻ no ne nkonimdifoͻ no.
17. Sε mobͻ Nyankopͻn bosea papa a Ɔde bεbͻ ho ama mo, na Ɔde mo bͻne akyε mo.
Onyankopͻn ne Aseda Wura, Ɔne Ntooboaseε Hene.
18. Kokoam ne Badwam Nimdefoͻ no, Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Onyansafoͻ no.