سورةُ الصف
QUR’AAN 61, SUURATU SOAFF
(ME HYJ ASEJ WC) ONYANKOPͻN DIN MU, AHUMMͻBORͻ HENE, ƆDΕΕFOͻ HENE
1. Adeε a εwͻ soro ne deε εwͻ asaase so nyinaa bͻ Nyankopͻn abodin. Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Onyansafoͻ no.
2. Mo a moagye adie, adεn nti na moka asεm a monnyε?
3. Ɛyε abufusεm kεse wͻ Nyankopͻn anim sε mobεka asεm na monyε.
4. Nokorε sε Nyankopͻn pε wͻn a wͻ‘ko wͻ Nekwan so wͻ santen mu tesε fasuo a egyina hͻ pintinn no asεm.
5. Kae εberε a Mose ka kyerεε nenkorͻfoͻ no sε: ―Menkorͻfoͻ, adεn nti na moreha me, aberε a monim sε meyε Nyankopͻn Somafoͻ mamo? Enti εberε a wͻ‘mane (firii kwan pa no soͻ) no, Nyankopͻn maa wͻn akoma manee. Na Onyankopͻn deε Ɔntene nnipa bͻnefoͻ no.
6. Kae εberε a Mar‘yam ba Yesu kaa sε: ‖Israel mma, nokorε sε meyε Onyankopͻn Somafoͻ mamo, a merehyε Tora a edii m‘anim kan no mma; na mede Ɔsomafoͻ a ͻbεba wͻ m‘akyi a ne din ne Ahmad no (ho asεm) rehyε mo bͻ. . Nanso εberε a ( cno Ahmad no ) de nkyerεkyerεmu ne nyinaso pefee no berεε wͻn no, asεm a wͻ‘kaeε ne sε: ―Woi deε εyε nkonyaa pefee ―.
7. (Onipa) bͻnefoͻ bεn na ͻkyεn obi a otwa nkontompo to Nyankopͻn soͻ, na (saa nipa no) refrε amanfoͻ kͻ Islam (som no mu)? Abͻnefoͻ no deε Nyankopͻn nnkyerε wͻn kwan.
8. Wͻ‘pε sε wͻ‘de wͻn ano dum Nyankopͻn nhyerεnee no, nanso Nyankopͻn bεma Nenhyerεnee no atim, sε boniayεfoͻ no mpε mpo a.
9. Ɔno na Ɔde kwankyerԑ ne nokorε som no asoma Nesomafoͻ no sεdeε ͻde bεma no adi ᴐsom nyinaa so nkonim, sε wɔn a wɔ‘de biribi bata Nyame ho no mpε mpo a.
10. Mo a moagye adie, enti menkyerε mo adwadie a εbεgye mo afri asotwee yaaya no mu?
11. Monye Nyankopͻn ne Nesomafoͻ no ni, na monfa moagyapadeε ne mokraa mͻ mmͻden wͻ Nyankopͻn kwan no so. Ɛno mmom na εyε papa mamo, sε anka monim a.
12. (Sε moyε saa a) Nyankopͻn de mo bͻne bεkyε mo na Ɔde mo akͻ Aheman no a nsubͻnten nenam aseε no mu, ne asetena pa no mu wͻ Aheman a εwͻ hͻ daa no mu. Woi ne nkonimdie kεseε no.
13. Deε mopε bio ne mmoa a efri Nyankopͻn hͻ ne nkonimdie a abεn no. Enti fa anigyesεm no ho bͻhyε ma agyidiefoͻ no.
14. Mo a moagye adie, monyε Nyankopͻn aboafoͻ sεdeε Mar‘yam ba Yesu ka kyerεε asuafoͻ no sε: ―Hwan na ͻbεboa me wͻ Nyankopͻn (kwan soͻ)?― Asuafoͻ no kaa sε: ―Yε‘ne Nyankopͻn aboafoͻ no―. Enti Israel mma no mu fekuo bi gye dii, ԑna fekuo bi nso anye anni; enti Yε‘boaa wͻn a wͻ‘gye diiε no tiaa wͻn atamfoͻ no, enti wͻ‘bεyεε nkonimdifoͻ.