سورةُ لقمان
QUR’AAN 31, SUURATU LUQ’MAAN
(ME HYJ ASEJ WC) ONYANKOPͻN DIN MU, AHUMMͻBORͻ HENE, ƆDΕΕFOͻ HENE
1. Alif – Laam – Miim.
2. Woi yε Nyansa, adwen ne nimdeε Nwoma no mu nsԑm.
3. Ɛyε kwankyerε ne ahummͻborͻ dema apapafoͻ no-:
4. Wͻn a wͻ‘frε Nyame wͻ ne berε mu, na wͻ‘yi Zaka, na wͻn adwen si wͻn pi wͻ Daakye no ho no.
5. Saa nkorͻfoͻ no na wͻ‘nam kwan tenenee a efri wͻn Wura Nyankopͻn hͻ no soͻ, na saa nkorͻfoͻ no ne nkonimdifoͻ no.
6. Nnipa no mu bi wͻ hͻ a wͻ‘kͻtͻ ahuhusεm a nimdeε biara nni mu, sεdeε wͻ‘de bεyera (amanfoͻ) afri Nyankopͻn kwan no soͻ, na wͻ‘fa (Nyankopͻn kwan no sε) agorͻ. Saa nkorͻfoͻ no benya animguaseε asotwee.
7. Sε yεrekenkan Yεn nsεm no kyerε no a ᴐde ahomasoᴐ dane neho kͻ, yε sεdeε ͻntee koraa, tesε deε akraa bi wͻ n‘aso mu. Enti (Nkͻmhyεni), fa asotwee yaaya no hyԑ (saa nipa ) no bᴐ.
8. Nokorε sε wͻn a wͻ‘agye adie na wͻ‘di dwuma pa no, anigyeε Aheman no bεyε wͻn dea.
9. Emu na wͻ‘bεtena afe bᴐᴐ. Ɛyε Nyankopͻn bͻhyε a εyε nokorε. Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ no.
10. Wabɔ soro a adum biara nkuta mu a mohunu, εna Ɔde mmepͻ asisi asaase no so pintinn sεdeε (asaase no) nnwoso mo, εna W‘ama mmoadoma ahodoͻ pii ahwete wͻ soͻ, εna Ye‘siane nsuo fri soro dema nnͻbaeε papa ahodoͻ nyinaa nyini.
11. Woi yε Nyankopͻn abͻdeε. Enti monkyerε Me deε wͻn a wͻ‘ka Neho no nso abͻ. Daabi, abͻneεfoͻ no wͻ ͻyera pefee paa mu.
12. Ampa sε, Yε‘maa Luqmaan adwen ne Nyansa, (na yεka kyerεε no) sε: ―Yi Nyankopͻn ayε.
Na obi a obeyi Nyankopͻn ayε no, oyi ayε no dema ͻno ara neho. Obi a obeyi boniayε no nso, nokorԑ sԑ Onyankopͻn ne Ͻdefo , Ɔne Ayeyie Wura ―
13. Kae εberε a Luq‘maan ka kyerεε ne ba wͻ εberε a na ͻretu no foͻ no sε: ‖Meba, hwε yie na woamfa biribi ammata Nyankopͻn ho. Nokorε sε, biribi a yεde bata Nyankopͻn ho no yε bͻne kεseε paa
14. Y‘atu onipa fo sε ͻnyε ayεmyε ma n‘awofoͻ. Ne maame nyinsεn no wͻ ahometeε akyiri ahometeε mu, na mfie mmienu mu na yεde maa no nufoͻ. Enti fa aseda ma Mene w‘awofoͻ.
Mehͻ ne (obiara) nnkyi.
15. Nasε wͻ‘ko tia wo sε fa biribi a wonni ho nimdeε bata Meho a, εno deε enni wͻn akyi; na mmom fa woho bata wͻn ho wͻ wiase yi mu wͻ ayεmyε mu; na di obi a ͻdane neho ba Mehͻ (wᴐ adwen sakra mu) no kwan no so. Na Mehͻ ne monkyi. Na Mεbͻ mo dwuma a na modie no (nyinaa) ho amaneε.
16. ―Meba, (deε wobεyε biara), sε emu duro tesε wisa aba, nasε εwͻ ͻbotan mu anaasε εwͻ soro anaasε asaase mu mpo a, Nyankopͻn de bεba (ama w‘abu ho akonta). Nokorε sε Nyankopͻn yε Onitefo (wͻ atemmuo mu), na Ɔne biribiara ho amanebͻfoͻ.
17. Meba, frε Nyame wͻ ne berε mu, na hyε (amanfoͻ) ma wͻ‘nyε papa, na bra (amanfoͻ) ma wͻn ntwe wͻn ho mfri amumu yε ho; na si aboterε wͻ deε εbεto woͻ (biara) ho. Nokorε sε, woi ne asεm no deε edi mmu paa.
18. Hwε na woanyi w‘ani amfri amanfoͻ so ammu wͻn animtia, na εmfa ahomasoͻ nnante wͻ asaase no so. Nokorε sε, Nyankopͻn mpε obi a ͻgye neho die na otu neho no asεm.
19. Na to wobo ase anaa ma wonanteε nyε hͻ-ne-hͻ, na brε wo nne nso ase. Nokorε sε, εnne a (amanfoͻ) mpε koraa ne afunumu nne ―.
20. Enti monhunuu sε Nyankopͻn ama deε εwͻ soro ne deε εwͻ asaase soͻ (nyinaa) berε wͻn ho ase mamo, εna Wama N‘adom a εda adie ne deε asuma abu mo soͻ? Nnipa no bi wͻhͻ a wͻ‘gye Nyankopͻn ho akyinnye a nimdeε anaa kwankyerε anaa Nwoma pefee biara nni mu.
21. Sε woka kyerε wͻn sε, moni deε Nyankopͻn asiane aba no akyi a, deε wͻ‘ka ne sε: ―Daabi, yedi deε yε‘bεtoo y‘agyanom wͻ soͻ no akyi.‖ Enti sε na ͻbonsam refrε wͻn (agyanom) akͻ Ogya frama asotwee no mu mpo a.
22. Obiara a ͻbεbrε neho (nyinaa) ase ama Nyankopͻn na ͻyε papa no, ampa sε (saa nipa no) asͻ gyidie homa no mu. Nyankopͻn hͻ na asεm no nyinaa kͻ wie.
23. Obia ͻbeyi boniayε no, εmma ne boniayε no nnyε wo awerεho. Yεn hͻ ne wͻn nnkyi, na Yε‘bεbͻ wͻn dwuma a wͻ‘diiε no ho amaneε. Nokorε sε, Nyankopͻn ne deε εwͻ akoma mu no ho Nnimdefoͻ no.
24. Yε‘bεma wͻn agye wͻn ani kakra, na afei Y‘aka wͻn so de wͻn akͻ asotwee a emu yԑ duro no mu.
25. Sε wobisa wͻn sε: ‖Hwan na ͻbͻͻ soro ne asaase a, wͻ‘bεka sε: ―Nyankopͻn‖. Kasε: ―Aseda wͻ Nyankopͻn‖. Daabi, wɔn mu dodoͻ no ara nnnim.
26. Deε εwͻ soro ne asaase so (nyinaa) wͻ Nyankopͻn. Nokorε sε Nyankopͻn deԑ Ͻne Ͻdefoᴐ, Ɔne Ayeyie Wura no.
27. Sε nnua a εwͻ asaase so nyinaa yε twerεdua, εna ͻpo akyiri nso yεde ͻpo foforͻ nson aka ho (ayε no twerε nsuo sε yεretwerε Nyankopͻn asεm) a, anka (nnua no ne ͻpo no bεsa) na Nyankopͻn asεm no nsae. Nokorε sε, Nyankopͻn ne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ.
28. Mo mmͻeε (a edikan yi) anaasε mo sͻreε (wͻ mowuo akyiri no) tesε honam korͻ pεpεεpε.
Nokorε sε, Nyankopͻn Ne Otiefoͻ a Ɔte biribiara, Ohunu (biribiara).
29. Enti wonhunuu sε Nyankopͻn ma adesaeε wura adekyeε mu, εna Ɔma adekyeε nso wura adesaeε mu, εna W‘ama awia ne bosome abrε wͻn ho ase (ama mo), emu biara nam nekwan so kosi εberε a yahyε. Nyankopͻn ne dwuma a modie nyinaa ho amanebͻfoͻ.
30. Woi kyerε sε ampa, Nyankopͻn ne Nokorε no, na wͻn a wͻ‘fri N‘akyi sufrε wͻn no deε εyε atorͻsεm. Nokorε sε Nyankopͻn ne Okokroko no, Ɔne Ɔkεseε no.
31. Wonhunuu sε nsuom hyεn de Nyankopͻn adom na εnam ͻpo so, sεdeε Ɔbεkyerε mo Ne‘nsεnkyerεnee? Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu ma obiara a osi aboterε, yi (Nyankopͻn) ayε.
32. Sε asorͻkye bi tesε enyunu bᴐ kata wͻn so (wͻ ͻpo no mu hͻ) a, wͻ‘su frε Nyankopͻn wͻ anidie ne ahobraseε mu. Nanso εberε a Yε‘bεgye wͻn de wͻn aba asaase soͻ no, wͻn mu bi yε bͻne ne papa de fra. Obi a ͻko tia Yε‘nsεnkyerεnee no ne obia ᴐyԑ nipa bᴐneni, obia onni nkaeԑ.
33. Adasamma, monsuro mo Wura Nyankopͻn, na monsuro Ɛda no a agya ho mma mfasoͻ mma neba, na εba nso ho mma mfasoͻ mma agya wͻ hwee ho no. Nokorε sε, Nyankopͻn bͻhyε no yε nokorε; enti monhwε na moamma wiase asetena yi annaadaa mo, na momma (ͻbonsam) daadaafoͻ no nso nnaadaa mo wͻ Nyankopͻn ho.
34. Nokorε sε, Nyankopͻn hͻ na Dͻnhwere no ho nimdeε no wͻ, Ɔno na Ɔma nsuo tͻ, na Onim deε εwͻ (ͻbaa) awodeε mu. Ͻkra biara nnim deε ͻbenya no ͻkyena, na ͻkra biara nso nnim asaase korͻ a ͻbewu atͻ soͻ. Nokorε sε Nyankopͻn na Onim, Ɔne biribiara ho amanebᴐ Wura.