سورةُ الفتح
QUR’AAN 48, SUURATUL FAT’H
(ME HYJ ASEJ WC) ONYANKOPͻN DIN MU, AHUMMͻBORͻ HENE, ƆDΕΕFOͻ HENE
1. Nkͻmhyεni, nokorε sε Y‘ama wo nkonimdie a εda adi pefee.
2. Sεdeε Nyankopͻn de wo mfomsoͻ a atwa mu ne deε εda w‘anim no bεkyε woͻ, na Ɔde N‘adom bewie wo soͻ, na W‘akyerε wo kwan akͻ ͻkwan tenenee soͻ,
3. Na Onyankopͻn bεboa wo mmoa a εsom bo paa.
4. Ɔno na Osianee awerεkyekyerε bεhyεε agyidiefoͻ no akoma mu, sεdeε Ɔde gyidie bεka wͻn gyidie no ho. Ͻsoro ne asaase so asraafoͻ no nyinaa wͻ Nyankopͻn. Onyankopͻn ne Onimdefoͻ, Ɔne Onyansafoͻ.
5. Sεdeε Ɔde agyidiefoͻ mmarima ne agyidiefoͻ mmaa no bewura Aheman a nsubͻnten nenam aseε no mu, na W‘apepa wͻn bͻne afiri wͻn soͻ. Onyankopͻn hͻ no, εno yε nkonimdie kεseε paa.
6. Na Ɔbεtwe nkͻnkͻnsafoͻ mmarima ne nkͻnkͻnsafoͻ mmaa, ne abosomsomfoͻ mmarima ne abosomsomfoͻ mmaa no, ne wͻn a wͻ‘dwen Nyankopͻn ho adwen bͻne no aso. Wͻn so na bͻne no dane kͻ. Onyankopͻn abufuo ne Nenomee wͻ wͻn so na W‘asiesie Amane-hunu gya ama wͻn; na awieε bͻne paa nehͻ.
7. Ɔsoro ne asaase so asraafoͻ (nyinaa) wͻ Nyankopͻn. Onyankopͻn ne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ.
8. Nokorε sε (Nkͻmhyεni), Y‘asoma wo sε ͻdanseni, ne anigyesɛm, ne kͻkͻbͻ ho bɔfoɔ,
9. Sεdeε mobεgye Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ no adie, na moaboa (Ɔsomafoͻ) no, na moadi no nni, na mobεbͻ (Onyankopͻn) abodin atontom no anͻpa ne anyumerε.
10. (Nkͻmhyεni), nokorε sε wͻn a wͻ‘suae kyerεε woͻ no, Nyankopͻn na wͻ‘suae kyerεε no; Nyankopͻn nsa wͻ wͻ‘nsa so. Enti obi a ͻbεbu (nensedie no) soͻ no, obu so tia ͻno ara ne kraa, na obia obedi bͻhyε a ͻne Nyankopͻn ahyε no soͻ no, Ɔbεma no akatua a εsoo paa.
11. Ԑserԑ so Arabfoͻ a wͻ‘kaa akyire no bεka akyerε wo sε: ―Y‘agyapadeε ne y‘abusua gyee y‘adaagyeε, enti srε bͻnefakyε ma yεn‖. Wͻ‘de wͻn kεtrεma ka deε enni wͻn akoma mu. Ka sε: ―Sε Onyankopͻn pε mo bͻne anaasε Ɔpε mo yie a, hwan na ͻwͻ tumi bi detia Onyankopͻn ma mo? Aane, Onyankopͻn ne dwuma a modie ho amanebᴐ Wura.
12. Aane, modwenee sε Ɔsomafoͻ no ne agyidiefoͻ no nnsan mma wͻn abusuafoͻ hͻ bio, na εno yεε mo fε wͻ moakoma mu, na modwen adwen bͻne, na (εnam so maa) moyεε nnipa a moasopa.
13. Obi a ͻnye Onyankopͻn ne Nesomafoͻ no nnie no, nokorε sε Y‘asiesie Ogya ato boniayεfoͻ no hͻ.
14. Onyankopͻn na ͻsoro ne asaase so ahennie wͻ no. Ɔde obi a Ɔpε bͻne kyε no, εna Ɔtwe obia Ɔpε nso aso. Onyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.
15. Wͻn a wͻ‘kaa akyire no bεka sε: ‖Sε mosim sε morekͻ pε asadeε a, moma yεn kwan ma yeni moakyi‘‘. Wͻ‘pεsε wͻ‘sesa Nyankopͻn asεm no. Ka sε: ―Monnni yεn akyi; saa na Nyankopͻn adi kan aka‘‘. Wͻ‘bεka sε: ‖Aane, moreyε yεn ho ahoͻyaa‖. Daabi, nanso wͻ‘nnte aseε gyesε kakraabi.
16. Kakyerε εserε so Arabfoͻ a wͻ‘kaa akyire no sε: ―Yεbεfrε mo ama moako atia amanfoͻ bi a wͻn ho yε den yie wͻ akoo-die mu, akosi sε wͻ‘bεbrε wͻn ho aseε. Afei sε moyε sotie a Onyankopͻn bεma mo akatua pa paa; na sε modane moakyi dema, sεdeε modii kan danee moakyi maeε no a, Ɔde asotwee a εyε ya paa bεtwe moaso ―.
17. Bᴐne nni Onifirani so, bᴐne nni obubuaani nso so, na bͻne nni ͻyarefoͻ nso so, (sε wͻ‘ntumi nkͻ ͻkoo no bie). Obi a ͻbεyε sotie ama Onyankopͻn ne ne Somafoͻ no, Ɔde no bewura Soro aheman a nsubͻnten nenam aseε no mu, na obia ͻbεdane ne ho no, Ɔde asotwee a εyε ya paa bεtwe n‘aso.
18. Nokorε sε Nyankopͻn agye agyidiefoͻ no atom wͻ εberε a wͻ‘suae kyerεε wo wͻ dua no aseε no; na Onim deε εwͻ wͻn akoma mu, enti Osianee awerεkyekyerε baa wͻn so, εna Ɔde nkonim a εbεn no tuaa wͻn ka-,
19. Ne asadeε bebrebe a wͻ‘benya no. Onyankopͻn ne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ.
20. Onyankopͻn hyεε mo asadeε pii a mobenya no ho bͻ, na Ɔyεε woi ntεm maa mo, na Oyii nnipa nsa firii moso, sεdeε εbεyε nsεnkyerεnee ama agyidiefoͻ no, na W‘akyerε mo kwan afa ͻkwan tenene soͻ.
21. Deε aka a monsa nnya nnkaeε no Onyankopͻn atwa ho nyinaa ahyia (anaasε Onim).
Onyankopͻn na Ɔwͻ tumi wͻ biribiara soͻ.
22. Sε wͻn a wᴐ‘po nokorԑ no nemo ko mpo a, nokorε sε wͻ‘bεdane wͻn akyi ama, na wͻ‘nnya okyitaafoͻ anaasε ͻboafoͻ (biara).
23. Saa ara na Onyankopͻn kwan a otwa too hͻ demaa wͻn a wͻ‘atwa mu kͻ no teε, na wo‘nnhunu sε Onyankopͻn kwan no asesa.
24. Ɔno na Oyii (atamfoͻ no) nsa firii mo soͻ, εna oyii monso monsa firii wͻn soͻ wͻ Maka (kuro no) mu wͻ akyire yi a Ɔmaa mo dii nkonim wͻ wͻn soͻ no. Na Onyankopᴐn deε Ohunu dwuma a modie (nyinaa).
25. Wͻ‘ne wͻn a wᴐ‘po nokorԑ, na wͻ‘sii mo Nyamedan kronkron no ho kwan, na afͻrebͻ no annuru n‘agyinaeε hͻ. Sε na εnyε agyidiefoͻ mmarima ne agyidiefoͻ mmaa a monni wͻn, na anhwε a na moatiatia wͻn so (aku wͻn) wͻ aberε a monnim ho hwee ama asεm bͻne bi ato mo a, (anka Ɔmaa mo wuraa Maka). Sεdeε Onyankopͻn de obi a Ɔpε bewura N‘ahummͻborͻ no mu. Sε anka (agyidiefoͻ a εwͻ Maka a wͻ‘de wͻn gyidie asuma no ne Kaafirfoͻ no) ho da nso a, anka Yε‘de asotwee a emu yε den paa twee wͻn mu boniayεfoͻ no aso.
26. Ɛberε a wͻn a wͻ‘nnye nnie no de akεsesεm ne ahomasoͻ, abagyimi berε ahomasoͻ hyεε wͻn akoma mu no, Nyankopͻn sianee N‘awerεkyekyerε maa Ne Somafoͻ ne agyidiefoͻ no, na Ɔmaa wͻ‘sͻͻ Nyame suro kasa (Laa ilaaha illal-Laah) no mu pintinn, na na (agyidiefoͻ no) wͻ ho kwan, na εfata wͻn nso. Na Nyankopͻn deε Ɔne biribiara ho Nimdefoͻ.
27. Ampa sε Nyankopͻn hyεε N‘akoa no yikyerε no mma wͻ nokorε mu sε: ―Sε Onyankopͻn pε a wode abodweԑ bewura Nyamedan kronkron no mu a, (momu bi) awεre wͻn tri ho, na (momu bi nso) abubu wͻn tri soͻ a suro biara nni mu. Na Onim deε monnnim; na εno akyiri no Ɔmaa (mo) nkonim die a εbεn.
28. Ɔno na Ɔde tenenee no ne nokorε som no asoma ne Somafoͻ no, sεdeε Ɔbεma no akata ͻsom biara soͻ. Onyankopͻn som bo sε Ɔdansefoͻ.
29. Muhammad yε Onyankopͻn Somafoͻ, wͻn a wͻ‘ka ne ho no yε den wͻ boniayεfoͻ no so papaapa, na wͻ‘hu wͻn ho wͻn ho mmͻbͻ. Wobehu wͻn sε wͻ‘rebͻ wͻn mu ase de wͻn anim butu fͻm hwehwε Onyankopͻn adom ne Nenyetomu. Wͻ‘nsohyεdeε wͻ wͻn anim, εnam (wͻn) anim a wͻ‘de butu fͻm no nti. Woi ne wͻn mfatoho wͻ Tora mu; na wͻn mfatoho wͻ Injiil mu no nso, wͻ‘tesε: Aduaba a (yadua na) afifire na ayε den na asipi na agyina pintinn wͻ ne dua no soͻ, na okuafoͻ no ani agye ho; sεdeε Ɔbεhyε boniayεfoͻ no abufuo. Onyankopͻn de bͻnefakyε ne akatua a εsoo paa ho bͻ ahyε wͻn a wͻ‘agye adie na wͻ‘di dwuma pa wͻ wͻn mu no.