سورةُ الحدید
QUR’AAN 57, SUURATUL HADIID
(ME HYJ ASEJ WC) ONYANKOPͻN DIN MU, AHUMMͻBORͻ HENE, ƆDΕΕFOͻ HENE
1. Adeε a εwͻ soro ne asaase so nyinaa bͻ Nyankopͻn abodin tontom no. Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ no.
2. Ɔno na ͻsoro ne asaase so ahennie yε Nedea. Ɔno na Ɔma nkwa εna Ɔma (obi) wuo, na Ɔno na Ɔwͻ biribiara so tumi.
3. Ɔne Odikanfoͻ no, ne Okyidifoͻ no, Ɔno na Ɔda adi pefee, εna Osuma, na Ɔne biribiara ho Nimdefoͻ.
4. Ɔno na Ɔde nna nsia bͻͻ soro ne asaase, εna Ɔde Neho sii Tumi Ahenwa no soͻ. Onim deε εkͻ asaase mu, ne deε efri mu nso pue, ne deε esiane fri soro (ba asaase soͻ) ne deε (efri asaase so) fro kͻ hͻ. Faako a mowͻ biara no Ɔka mo ho. Nyankopͻn deε Ohu dwuma a modie nyinaa.
5. Ɔno na ͻsoro ne asaase so ahennie yε Nedea. Nyankopͻn hͻ na nsԑm nyinaa kowie.
6. Ɔma adesaeε wura adekyeε mu, εna Ɔma adekyeε nso wura adesaeε mu. Ɔno na Onim deε εwͻ akoma mu.
7. Monye Nyankopͻn ne Nesomafoͻ no ni, na monyi deε W‘ama mo abedi ho adeε no mu bi ma. Enti wͻn a wͻ‘agye adie wͻ mo mu na wͻ‘yi (wͻn agyapadeε mu bi) dema no, wͻn wͻ akatua kεseε paa.
8. Deεn na εha mo a enti monnye Nyankopͻn nnie? Abrε a Ɔsomafoͻ no refrε mo sε monye mo Wura Nyankopͻn ni, aberε a moasuae akyerε no; sε moyε agyidiefoͻ ampa a.
9. Ɔno na Osiane nsεnkyerεnee pefee ma N‘akoa sεdeε obeyi mo afri esum no mu akͻ εhyεn no mu. Nokorε sε, Nyankopͻn yε ayεmyε hene mamo, na Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ.
10. Deεn na εha mo a enti monnyi (moagyapadeε) wͻ Nyankopͻn kwan soͻ? Aberε nso a Nyankopͻn na ͻsoro ne asaase so akoradeε wͻ no? Momu wͻn a wͻ‘yii (wͻn agyapadeε) na wͻ‘koeε ansa na nkonimdie no (reba no, ne wͻn a aka no) nnsε. Woi nom na wͻn wͻ gyinaberε a εsoo paa mu kyεn wͻn a (nkonimdie no) akyi na wͻ‘yii wͻn (agyapadeε) na wͻ‘koeε no. Na mmom Nyankopͻn (de ade) papa ahyε wͻn nyinaa bͻ. Nyankopͻn ne dwuma a modie nyinaa ho Amanebͻfoͻ.
11. Hwan na ͻbεbͻ Nyankopͻn bosea pa ama Ͻde abͻ ho ama no? Ɔno na Ɔwͻ akatua a animuonyam wͻ mu paa.
12. Ɛda no na wobehunu agyidiefoͻ mmarima ne agyidiefoͻ mmaa no sε wͻ‘nhyerεnee ahyerεn di wͻn anim ne wͻn nifa so. (Yε‘bεka akyerε wͻn sε): ―Mowͻ anigyesεm nnε! Aheman a nsubͻnten nenam aseε no, emu na (mo) bεtena. Ԑno ne nkonimdie kεseε no.
13. Ɛda no na nkͻnkͻnsafoͻ mmarima ne nkͻnkͻnsafoͻ mmaa no bεka akyerε wͻn a wͻ‘agye adie no sε: ―Montwεn yεn na yεnfa monhyerεnee no (nante bi)‖. Yε‘bεka akyerε wͻn sε: ―Monsan nkͻ moakyi (wͻ wiase) nkͻpε nhyerεnee‖. Na fasuo bi a εpono wͻ mu bεba abetware wͻn‘tεm.
Na emu no ahummͻborͻ na εwͻ hͻ, na akyire no nso yε asotwee.
14. (Nkͻnkͻnsafoͻ no) bεfrε (agyidiefoͻ no) sε: ―Na yεnnka mo ho (wͻ wiase)?― (Agyidiefoͻ no) bεka sε: ―Aane, nanso modaadaa moho, εna motwεnee (sε ebia agyidiefoͻ no bedi nkoguo), na moadwen ansi mo pi, na apεdeε hunu daadaa mo kͻpem sε Nyankopͻn ahyεdeε no baeε, na (ͻbonsam) daadaafoͻ no daadaa mo wͻ Nyankopͻn ho ―.
15. Enti εnnε da yi, yε‘nnye mpata biara mfri mo hͻ, anaasε wͻn a wͻ‘annye annie no hͻ. Mofie ne egya no mu, εno ne mokyitaafoͻ, na εhͻ yε nnkyi bͻne paa.
16. Enti εberε no nnso maa agyidiefoͻ no sε wͻ‘bεbrε wͻn akoma ase ama Nyankopͻn nkaekaeε ne deε yasiane a εyε nokorε no, na wͻn ankͻyε sε wͻn a yedii kan maa wͻn Nyamesom Nwoma no? Ɛberε yεε tenten maa wͻn, enti wͻn akoma yεε den. Na na wͻn mu dodoͻ no ara yε nsԑmɔnefoͻ.
17. Monhunu sε, Nyankopͻn nyane asaase wͻ newuo akyi. Ampa sε Y‘akyerεkyerε nsεm no mu pefee sεdeε mobεte aseε.
18. Nokorε sε mmarima a wͻ‘yε adͻeε ne mmaa a wͻ‘yε adͻeε na wͻ‘bͻ Nyankopͻn bosea pa no, yεde bεbͻ ho ama wͻn, na wͻn wͻ animuonyam akatua (da hͻ Daakye).
19. Wͻn a wͻ‘agye Nyankopͻn ne Nesomafoͻ no adie no, wͻn ne nokwafoͻ no, ne mogya ho adansefoͻ no wͻ wͻn Wura Nyankopͻn hͻ. Wͻ‘benya wͻn akatua ne wͻn nhyerεnee. Wͻn a wͻ‘nnye nnie na wͻ‘fa Yεn Nsεm no atorͻsεm no nso, saa nkorͻfoͻ no ne Amanehunu gya no mu foͻ no.
20. Monhunu sε, wiase asetena yi yε agodie ne ahurusie ne afεεfεdeε ne ahotuo a εda montεm, ne agyapadeε ne mma ho apere-apereε. Ne mfatoho tesε mfudeε a nsutͻ akyi no akuafoͻ anigye nennuaba no ho, afei wobehunu sε ahoa afei na adwan. Daakye no asotwee a ano yε den paa wͻ hͻ, ne bͻnefakyε a efri Nyankopͻn hͻ ne nyetumu. Wiase asetena deε εyε anigyesεm a εyε nnaadaa.
21. Monsi akan nkͻ mo Wura Nyankopͻn bͻnefakyε no mu, nhwehwԑ Aheman a ne tεtrεtε bεyε sε ͻsoro ne asaase tεtrεtε a yasiesie ama wͻn a wͻ‘agye Nyankopͻn ne Nesomafoͻ no die no.
Woi yε Nyankopͻn adom, Ɔde ma obi a Ɔpε. Na Nyankopͻn ne Adom Kεseε no Wura no.
22. Mmusuo biara a εbesi wͻ asaase soͻ, anaasε εbεto mo nnipa dua no, na εwͻ Nwoma mu ansa na Y‘ama no asi. Nokorε sε εno deε εyε adeε a εyε mmrε ma Nyankopͻn.
23. Sεdeε mowerε nnho (pii) wͻ deε moahwereε no ho, na monfa deε yεde ama mo no nso nntu mo ho. Nyankopͻn deε Ɔmpε obi a ͻyε ahomasoͻ na otu neho no asεm;
24. (Saa ara nso na Ɔmpε) wͻn a wͻ‘yε pεpεε na wͻ‘hyε amanfoͻ ma wͻ‘yε pεpεε no (asεm). Na obi a ͻbεdane n‘akyi ama (nokorε no), nokorε sε Nyankopͻn ne Ɔdefo, Ɔne Ayeyie Wura no.
25. Ampa sε Yε‘de nkyerεkyerεmu ne nyinasoͻ pefee somaa Y‘asomafoͻ no, de Nwoma no ne nsania kaa wͻn ho sεdeε adasamma begyina so ayε biribiara pεpεεpε, εna Y‘asiane dadeε a ano yε den papaapa na mfasoͻ pii nso wͻ so ama nnipa, sεdeε Nyankopͻn de behunu obia ͻboa no ne N‘asomafoͻ no wͻ kokoa mu. Nokorε sε Onyankopͻn ne Ɔhoͻdenfoͻ, Ɔne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε.
26. Ampa sε Yε‘somaa Noa ne Abraham, na Yε‘maa wͻn asefoͻ no nkͻmhyε (adwuma) ne Nwoma. Wͻn mu bi faa kwantenenee no, na wͻn mu dodoͻ no ara na wͻ‘buu akohwi bra.
27. Afei Yε‘maa Y‘asomafoͻ no bεfaa wͻn anamͻn so, na Yε‘maa Mar‘yam ba Yesu bedii so, na Yε‘maa no Injeel, na Yε‘maa wͻn a wͻ‘dii n‘akyi no ayεmyε ne ahummͻborͻ akoma. Na ‗Rah‘baaniyya‘ no deε, εyε sakratom a wͻn ara na wͻ‘yͻeε, εnyε Yεn na Yε‘hyehyε maa wͻn, (na mmom wͻ‘yεε no) sε wͻ‘de hwehwε Nyankopͻn nyetumu; nanso w‘annhwε so yie sεdeε anka εsεsε wͻ‘hwε soͻ no. Enti Yε‘de wͻn a wͻ‘gye dii wͻ wͻn mu no akatua maa wͻn, na mmom na wͻn mu dodoͻ no ara yε abͻnefoͻ.
28. Mo a moagye adie, monsuro Nyankopͻn, na monye Nesomafoͻ no nni, na Ɔbεma mo N‘ahummͻborͻ no mu kyεfa mmienu, na W‘ama mo nhyerεnee a mode bεnanteε, na Ɔde mo bͻne akyε mo. Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.
29. Sεdeε wͻn a yama wͻn Nyamesom ho Nwoma no behunu sε wͻ‘nni tumi biara wͻ Nyankopͻn adom no so; na adom no deε Nyankopͻn nsam na εwͻ, na Ɔde ma obi a Ɔpε.
Onyankopͻn ne Adom Kεseε no Wura no.